John 16:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna n’asuafo no mu binom kekae wɔn mu sɛ: Dɛn na ose yɛn sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me, ɛne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan kaa bio se, ‘Efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”