John 17:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei minni wiase bio, na eyinom na ɛwɔ wiase, na me de, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ biako sɛ yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na afei, merefi wiase na magyaw wɔn wɔ akyi aba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no.