John 18:35 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Pilato buaa Yesu sɛ, “Wosusu sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfoɔ ne wɔn asɔfoɔ mpanin na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woayɛ?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ankasa wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me; dɛn na woyɛe?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani ana? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?”