John 19:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.”