John 2:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yesu faa ntampehoma, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafoɔ no ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie no firii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apono guiɛ maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde homa yɛɛ mpire pamm wɔn nyinaa, nnwan ne anantwie no firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ, na ɔkaa apono no butubutui;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde homa yɛɛ mpire pamm wɔn nyinaa, nnwan ne anantwie no firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ, na ɔkaa apono no butubutui;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa, nguan ne anantwi no fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu faa ntampehama yɛɛ no mpire de pam sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gu maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee.