John 21:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie:
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom akyiri no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no bio Tiberia po ho. Na sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛeɛ nie:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom akyiri no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no bio Tiberia po ho. Na sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛeɛ nie:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom akyi no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafo no bio Tiberia po ho. Na sɛnea oyii ne ho kyerɛe ni:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni: