John 21:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam.” Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsee wɔn sɛ: Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi. Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsee wɔn sɛ: Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi. Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na osee wɔn sɛ: Momfa asawu no ngu ɔkorow no nifa, na mubenya bi. Ɛnna wogui, na mpataa no dodow nti, na wontumi ntwe asau no bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mubeyi nam.” Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.