John 3:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, nea ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya noho a wudii ne ho adanse no, hwɛ, ɔno nso bɔ asu, na nnipa nyinaa ba ne nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”