John 4:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Farisifoɔ no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa kɔ Yohane nkyɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei Yesu hunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei Yesu hunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei Awurade hui sɛ Farisifo ate sɛ Yesu renya asuafo bebree na ɔrebɔ nnipa pii asu sen Yohane no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn,