John 5:45 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Monnsusu sɛ mɛbɔ mo kwaadu, Agya no anim, na deɛ ɔbɔ mo kwaadu no wɔ hɔ; ɔne Mose a mode mo ani ato ne soɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Monnsusu sɛ mɛbɔ mo kwaadu, Agya no anim, na deɛ ɔbɔ mo kwaadu no wɔ hɔ; ɔne Mose a mode mo ani ato ne soɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Munnsusuw sɛ mede mo betwa, Agya no anim, na nea ɔde mo twa no wɔ hɔ: Ɔne Mose a mode mo ani ato no so no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo wɔ Agya no anim, na mmom ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so se ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu no.