John 6:44 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.