John 7:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”