John 8:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mebu atɛn a, mʼatemmuo bɛyɛ atɛntenenee, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ me nko na mɛbu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mebu atɛn, na mmom me ne Agya no a ɔsomaa me no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mebu atɛn, na mmom me ne Agya no a ɔsomaa me no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ mibu atɛn po a, m’atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.