Jonah 1:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhyɛn no mufoɔ no nyinaa surooɛ na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo adwadeɛ a ɛwɔ ɛhyɛn no mu guguu ɛpo no mu sɛdeɛ ɛhyɛn no mu bɛyɛ herɛ. Nanso na Yona akɔhyɛ ɛhyɛn no ase baabi ada hatee.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hyɛn no mufo no suroe, na wɔteɛteɛɛm frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotow hyɛn no mu aguade guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso na Yona de, na wasian kɔ hyɛn no yam akɔda hatee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hyɛn no mufo no nyinaa suroe, na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo aguade a ɛwɔ hyɛn no mu guguu po no mu sɛnea hyɛn no mu bɛyɛ hare. Nanso na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada hatee.