Jonah 4:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkuruma, na ɛfefɛw kataa Yona so ma n’atifi nyaa onwini, sɛ enyi no mfi n’ahohia no mu. Na Yona ani gyei adedenkuruma no ho kɛse.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho.