Joshua 10:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Gibeonfo no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Nnyaa wʼasomfo. Bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, efisɛ Amorifo ahemfo a wɔte mmepɔw so de wɔn nsraadɔm rebɛko atia yɛn.”