Joshua 13:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Lewi abusuakuo no deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara. Wɔn agyapadeɛ firi afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ afɔrebukyia so ma Awurade, Israel Onyankopɔn no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Lewi abusuakuw no nko na wamma wɔn agyapade, AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔre so ade no, ɛno ne n’agyapade, sɛnea ɔka kyerɛɛ no no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma Awurade, Israel Nyankopɔn no.