Joshua 14:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, sɛdeɛ wohunu yi, Awurade ahwɛ me so yie mfeɛ aduanan enum firi ɛberɛ a Mose hyɛɛ saa bɔ yi wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nenam ɛserɛ so no. Ɛnnɛ madi mfeɛ aduɔwɔtwe enum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛdeɛ ɔkaeɛ no, mfirinhyia aduanan nnum yi, ɛfiri berɛ a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose berɛ a na Israel nam serɛ soɔ no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnum.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛdeɛ ɔkaeɛ no, mfirinhyia aduanan nnum yi, ɛfiri berɛ a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose berɛ a na Israel nam serɛ soɔ no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnum.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛnea ɔkaa no, mfirihyia aduanan anum yi, efi bere a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose, bere a Israel nam sare so no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirihyia aduɔwɔtwe anum.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, sɛnea wuhu yi, Awurade ahwɛ me so yiye mfe aduanan anum fi bere a Mose hyɛɛ saa bɔ yi bere a na Israelfo nenam sare so no. Nnɛ, madi mfe aduɔwɔtwe anum.