Joshua 14:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔtuu asomafoɔ firi Yuda abusuakuo mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn onipa, a ɛfa me ne wo ho wɔ ɛberɛ a na yɛwɔ Kades-Barnea no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yudafo no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenisini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wunim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no.