Joshua 14:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfeɛ aduanan. Mesane mʼakyi na mefiri akoma pa mu bɛkaa deɛ mehunuiɛ nyinaa,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Medii mfirinhyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me firi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesane mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Medii mfirinhyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me firi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesane mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Midii mfirihyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me fi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesan mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛnea ɛwɔ me koma mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Mose, Awurade somfo no somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfe aduanan. Mesan mʼakyi na mifi koma pa mu bɛkaa nea mihuu nyinaa,