Joshua 15:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yuda mma abusuakuo ntonto, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yuda mma abusuakuo ntonto no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yudafo abusuakuw ntonto, sɛ wɔn mmusua te no, ɛtɔɔ Edom hye ho koduu Sin sare so, wɔ nifa fam asase a ɛyɛ nifa hye no awiei so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asase a wɔde maa mmusua a wobom yɛ Yuda abusuakuw no koduu Edom hye so wɔ anafo fam, na Sin sare so na ɛkɔpem.