Joshua 15:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bɔnhwa no mu kɔka Debir, na ɛdane wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a ɛtwam firi Adumim nsianeɛ mu wɔ anafoɔ fam wɔ bɔnhwa no nkyɛn mu. Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no tene kɔsi En-Semes nsuo no ano, na akɔpem En-Rogel.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛhyeɛ no firi Akor bonhwa no mu foro kɔ Debir, na ɛdane kɔ atifi fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoeɛ a ɛwɔ subonhwa no anafoɔ fam ntentensoɔ no. Na ɛhyeɛ no twam fa En-semes nsuo no ano, na ɛkɔpem En-rogel.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛhyeɛ no firi Akor bonhwa no mu foro kɔ Debir, na ɛdane kɔ atifi fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoeɛ a ɛwɔ subonhwa no anafoɔ fam ntentensoɔ no. Na ɛhyeɛ no twam fa En-semes nsuo no ano, na ɛkɔpem En-rogel.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔhye no fi Akor bon no mu foro kɔ Debir, na ɛdan kɔ benkum fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoee a ɛwɔ subon no nifa fam ntentenso no. Na ɔhye no twam fa En-semes nsu no ano, na ɛkɔpem En-rogel.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efi hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bon no mu kɔka Debir, na ɛdan wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a etwa mu fi Adumim nsian mu wɔ anafo fam wɔ obon no nkyɛn mu. Efi hɔ a, ɔhye no sen kosi En-Semes nsu no ano, na akɔpem En-Rogel.