Joshua 17:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire yi, ɛberɛ a Israelfoɔ nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso, wɔampamo wɔn amfiri asase no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israelfo ho yɛɛ den no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no maa ɔsom adwuma, yii tow, na mmom, otu de wɔantu wɔn korakora.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no, bere a Israelfo nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso wɔampam wɔn amfi asase no so.