Joshua 17:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asase a ɛda Yordan atɔeɛ fam no, wɔde maa mmusua nkaeɛ a wɔwɔ Manase abusuakuo mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyii Manase asefo a aka no de, sɛ wɔn mmusua te: Abieser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida asefo. Eyinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛ wɔn mmusua te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asase a ɛda Yordan atɔe fam no, wɔde maa mmusua nkae a wɔwɔ Manase abusuakuw mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.