Joshua 17:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no na ɔnni mmammarima. Mmom, na ɔwɔ mmammaa baanum. Na wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmammaa na ɔwɔ. Na yeinom ne ne mma mmaa no din, Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmammaa na ɔwɔ. Na yeinom ne ne mma mmaa no din, Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmabea na ɔwɔ. Na eyinom ne ne mmabea no din: Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso na Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no nni mmabarima. Mmom, na ɔwɔ mmabea baanum. Na wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.