Joshua 18:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Benyaminfoɔ abusuakuo ntonto bae sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn ntonto no hyeɛ firi Yuda mma ne Yosef mma ntam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Benyaminfoɔ abusuakuo ntonto bae sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn ntonto no hyeɛ firi Yuda mma ne Yosef mma ntam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Benyaminfo abusuakuw ntonto bae sɛ wɔn mmusua te; na wɔn ntonto no hye fi Yuda mma ne Yosef mma ntam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asase no nkyekyɛ mu a edi kan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuw no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuw no ntam.