Joshua 18:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Apueeɛ fam ɛhyeɛ no yɛ Asubɔnten Yordan. Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yordan ne n’apueeɛ fam hyeɛ. Yei ne Benyaminfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ teteɛ de hyia, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yordan ne n’apueeɛ fam hyeɛ. Yei ne Benyaminfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ teteɛ de hyia, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yordan ne n’apuei fam hye. Eyi ne Benyaminfo agyapade sɛ n’ahye te hyia sɛ wɔn mmusua te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Apuei fam hye no yɛ Asubɔnten Yordan. Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.