Joshua 19:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam. Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na tonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no ba maa Sebulon sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ kɔduruu Sarid.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na tonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no ba maa Sebulon sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ kɔduruu Sarid.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ntonto a ɛto so abiɛsa no maa Sebulonfo, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn agyapade hye koduu Sarid.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asase no nkyemu a ɛto so abiɛsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no nsam. Sebulon agyapade hye no fi ase wɔ Sarid.