Joshua 19:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ɛbuka fa apueeɛ fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kɔsi Sebulon wɔ Yifta-El bɔnhwa no mu, kɔ atifi fam kɔduru Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛsane kɔ owiapueeɛ de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bonhwa mu, Bet-emek ne Neiel atifi fam, na ɛfiri adi kɔ Kabul atifi fam,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛsane kɔ owiapueeɛ de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bonhwa mu, Bet-emek ne Neiel atifi fam, na ɛfiri adi kɔ Kabul atifi fam,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛsan kɔ owiapuei de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bon mu, Bet-emek ne Neiel benkum fam, na efi kɔ Kabul benkum fam,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na ebukaw fa apuei fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kosi Sebulon wɔ Yifta-El bon no mu, kɔ atifi fam kodu Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul,