Joshua 19:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Atɔeɛ fam ɛhyeɛ no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kɔsi Sebulon ɛhyeɛ no wɔ anafoɔ fam, Aser ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apueeɛ fam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛhyeɛ no dane kɔ atɔeɛ wɔ Asnot-tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon anafoɔ fam, ne Aser wɔ atɔeɛ, ne Yuda wɔ apueeɛ, Yordan ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛhyeɛ no dane kɔ atɔeɛ wɔ Asnot-tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon anafoɔ fam, ne Aser wɔ atɔeɛ, ne Yuda wɔ apueeɛ, Yordan ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhye no dan kɔ atɔe wɔ Asnot-abor, na efi hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon nifa fam, ne Aser wɔ atɔe, ne Yuda wɔ apuei, Yordan ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Atɔe fam hye no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kosi Sebulon hye no wɔ anafo fam, Aser hye wɔ atɔe fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apuei fam.