Joshua 2:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu! Sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bedi no adɔe ne nokware so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmarima no penee so kae se, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yebedi yɛn bɔhyɛ so.”