Joshua 2:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yeriko hene no soma kɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔahyɛn wo fi no fi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa sra.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafo a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atow ahyɛ yɛn so.”