Joshua 21:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuo fa no wɔ Basan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Gersonfoɔ no nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuo mmusua ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Gersonfoɔ no nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuo mmusua ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Gerson mma nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuw mmusua ne Aser abusuakuw ne Naftali abusuakuw ne Manase abusuakuw fa a ɛwɔ Basan no mu nkurow dumiɛnsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuw fa no wɔ Basan.