Joshua 21:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israelfoɔ no nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose nsa so hyɛeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israelfoɔ no nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose nsa so hyɛeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israelfo nam ntonto so de nkurow yi ne ɛho mfikyisase maa Lewifo, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Israelfo no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkurow yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifo.