Joshua 22:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia kɛseɛ bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔduruu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia hɔ wɔ Yordan ano, afɔrebukyia a wohwɛ a, ɛso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔduruu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia hɔ wɔ Yordan ano, afɔrebukyia a wohwɛ a, ɛso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na woduu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase so no so no, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka hɔ wɔ Yordan ano, afɔremuka a wohwɛ a, ɛso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wobetwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka kɛse bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no.