Joshua 22:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na mmom sɛ nkaeɛdum. Ɛbɛbɔ yɛn asefoɔ ne mo asefoɔ nkaeɛ sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na daakye bi no, mo asefoɔ rentumi nka nkyerɛ yɛn asefoɔ no sɛ, ‘Monni kyɛfa wɔ Awurade mu.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba yɛn akyire no ntam adanseɛ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔdeɛ ne yɛn kum afɔdeɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛsom AWURADE som no n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Monni AWURADE mu kyɛfa bi!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba yɛn akyire no ntam adanseɛ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔdeɛ ne yɛn kum afɔdeɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛsom AWURADE som no n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Monni AWURADE mu kyɛfa bi!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awo ntoatoaso a wɔbɛba yɛn akyi no ntam adanse sɛ yɛde yɛn hyew afɔre ne yɛn kum afɔre ne yɛn asomdwoe afɔre bɛsom AWURADE som no, n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Munni AWURADE mu kyɛfa bi!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na mmom sɛ nkaedum. Ɛbɛbɔ yɛn asefo ne mo asefo nkae sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne asomdwoe afɔre. Na daakye bi no, mo asefo rentumi nka nkyerɛ yɛn asefo no se, ‘Munni kyɛfa wɔ Awurade mu.’