Joshua 22:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ wɔka sei a, yɛn asefoɔ bɛtumi aka sɛ, ‘Monhwɛ Awurade afɔrebukyia sɛso a yɛn agyanom siiɛ. Wɔansi amma ɔhyeɛ afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae adeɛ a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛkaa sɛ: Na ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka kyerɛ yɛn anaa yɛn awoɔ ntoatoasoɔ saa a, yɛbɛka sɛ: Monhwɛ AWURADE afɔrebukyia no nsɛsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ, ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ nti, nanso ɛnyɛ okum afɔdeɛ nti, ɛfiri sɛ ɛne yɛn ne mo ntam danseni.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛkaa sɛ: Na ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka kyerɛ yɛn anaa yɛn awoɔ ntoatoasoɔ saa a, yɛbɛka sɛ: Monhwɛ AWURADE afɔrebukyia no nsɛsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ, ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ nti, nanso ɛnyɛ okum afɔdeɛ nti, ɛfiri sɛ ɛne yɛn ne mo ntam danseni.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yese: Sɛ ɔkyena bi wɔka kyerɛ yɛn anaa yɛn awo ntoatoaso saa a, yɛbɛka sɛ: Monhwɛ AWURADE afɔremuka no sɛso a yɛn agyanom yɛe, ɛnyɛ ɔhyew afɔre nti, na ɛnyɛ okum afɔre nti, na ɛne yɛn ne mo ntam dansefo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ wɔka sɛɛ a, yɛn asefo betumi aka se, ‘Monhwɛ Awurade afɔremuka sɛso a yɛn agyanom sii. Wɔansi amma ɔhyew afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae ade a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’