Joshua 22:31 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas buaa wɔn sɛ, “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ, monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛdeɛ yɛsusuiɛ no, mmom moagye Israel nkwa afiri ɔsɛeɛ a anka Awurade de reba wɔn so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahunu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa fom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfoɔ no AWURADE nsam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahunu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa fom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfoɔ no AWURADE nsam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa ɔfom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfo AWURADE nsam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas buaa wɔn se, “Nnɛ yɛahu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, efisɛ monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛnea yesusuwii no, mmom moagye Israel nkwa afi ɔsɛe a anka Awurade de reba wɔn so no ho.”