Joshua 22:34 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ too afɔrebukyia no edin sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no too afɔrebukyia no din: Adanseɛ, ɛfiri sɛ wɔse: Ɛyɛ yɛn ntam danseni sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no too afɔrebukyia no din: Adanseɛ, ɛfiri sɛ wɔse: Ɛyɛ yɛn ntam danseni sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Rubenfo ne Gadfo no too afɔremuka no din: Adanse, efisɛ wose: Ɛyɛ yɛn ntam dansefo sɛ AWURADE ne Nyankopɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Rubenfo ne Gadfo too afɔremuka no din sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Nyankopɔn.