Joshua 22:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
kaa sɛ, “Agyapadeɛ bebrebe a moanya afiri mo atamfoɔ nkyɛn no, mo ne mo abusuafoɔ a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwie dodoɔ ne nnwan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ ne aduradeɛ no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nnoɔma bebree nsane nkɔ mo ntomadan mu, mmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne ntoma pii pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfoɔ asadeɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nnoɔma bebree nsane nkɔ mo ntomadan mu, mmoa bebree pa ara ne dwetɛ ne sika ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne ntoma pii pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfoɔ asadeɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nneɛma bebree nsan nkɔ mo ntamadan mu, mmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere ne dade ne ntama bebree pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfo asade no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
kae se, “Agyapade bebrebe a moanya afi mo atamfo nkyɛn no, mo ne mo abusuafo a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwi dodow ne nguan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafrae, dade ne adurade no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”