Joshua 23:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛnneɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade, mo Onyankopɔn rempamo wɔn mfiri mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ afidie ama mo, ɔyea wɔ mo mfe mu ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo aniwa mu, na wɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa yi a Awurade, mo Onyankopɔn de ama mo yi so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛnneɛ monhunu sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfiri mo anim bio, na wɔbɛdanedane mo afidie ne kantankoraa ne mpire, mo mfem, ne nkasɛɛ, mo aniwa mu, akɔsi sɛ mobɛsɛe afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛnneɛ monhunu sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfiri mo anim bio, na wɔbɛdanedane mo afidie ne kantankoraa ne mpire, mo mfem, ne nkasɛɛ, mo aniwa mu, akɔsi sɛ mobɛsɛe afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛnne munhu ampa ara sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfi mo anim bio, na wɔbɛdannan mo afiri ne hentia ne mpire, mo mfem, ne nsɔe, mo aniwa mu, akosi sɛ mobɛsɛe afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɛno de akyinnye biara nni ho sɛ Awurade, mo Nyankopɔn rempam wɔn mfi mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ mfiri ama mo, mo akyi mmaa, ne mo aniwa mu nsɔe de kosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asase pa yi a Awurade, mo Nyankopɔn de ama mo no so.