Joshua 23:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moannyɛ ɔsetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afiri saa asase pa a ɔde ama mo yi so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛdeɛ asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo soɔ no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛdeɛ asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo soɔ no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛnea asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo so no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moanyɛ osetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afi saa asase pa a ɔde ama mo yi so.