Joshua 24:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn na ɔgyee yɛn ne yɛn agyanom firii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ yɛn anim. Na yɛfaa ɛserɛ so wɔ yɛn atamfoɔ mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛfiri sɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne deɛ ɔyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase soɔ firii nkoafie baeɛ, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam soɔ no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛfiri sɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne deɛ ɔyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase soɔ firii nkoafie baeɛ, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam soɔ no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efisɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne nea oyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase so fii nkoafi bae, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne akɛse yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam so no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efisɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn na ogyee yɛn ne yɛn agyanom fii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwonwade akɛse wɔ yɛn anim. Na yɛfaa sare so wɔ yɛn atamfo mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.