Joshua 24:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yosua ne ɔman no pam da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Sekem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yosua ne ɔman no pam da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Sekem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yosua ne ɔman no pamee da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛde ne atemmude wɔ Sekem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa da no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛe a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam.