Joshua 24:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firi Misraim baeɛ no, wɔsiee wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔ ɔha firii Hamor mmammarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firii Misraim baeɛ no, wɔkorae wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ firii Sekem agya, Hamor mma nsam maa nnwetɛbena ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firii Misraim baeɛ no, wɔkorae wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ firii Sekem agya, Hamor mma nsam maa nnwetɛbena ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yosef nnompe a Israelfo de fi Misraim bae no, wɔkoraa wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ fii Sekem agya Hamor mma nsam maa nnwetɛbona ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wosiee Yosef nnompe a Israelfo de fi Misraim bae no wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔw ɔha fii Hamor mmabarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.