Joshua 3:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a nnipa no sɔree sɛ wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu sɛ wɔrekɔtwa Yordan, na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu sɛ wɔrekɔtwa Yordan, na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔman no tu fii wɔn ntamadan mu sɛ wɔrekotwa Yordan, na asɔfo a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a nnipa no sɔree sɛ wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim.