Joshua 4:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nnipa bɛyɛ ɔpeduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na etwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko tataw so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa akofo yi, na wɔn dodow bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wotwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.