Joshua 4:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, mo Onyankopɔn, maa nsuo no wee wɔ mo anim na ɔkɔɔ so ma ɛweeɛ ara kɔsii sɛ mo nyinaa twareeɛ, sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no weeɛ ara kɔsii sɛ yɛn nyinaa twareeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛ AWURADE mo Nyankopɔn wee Yordan nsuo no mo anim kɔsii sɛ motwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛwa Po no a ɔweeɛ no yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛ AWURADE mo Nyankopɔn wee Yordan nsuo no mo anim kɔsii sɛ motwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛwa Po no a ɔweeɛ no yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
sɛ AWURADE mo Nyankopɔn yow Yordan nsu no mo anim kosii sɛ mutwae, sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛw-Po no a ɔyow no yɛn anim kosii sɛ yetwae no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, mo Nyankopɔn, maa asu no yowee wɔ mo anim, na ɔkɔɔ so ma ɛyowee ara kosii sɛ mo nyinaa twae, sɛnea ɔyɛɛ Po Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no yowee ara kosii sɛ yɛn nyinaa twae.