Joshua 5:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade asraadɔm so safohene.” Yosua tee yei no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ sɛ wo ɔsomfoɔ yɛ?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔse: Dabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuu fam sɔree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔse: Dabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuu fam sɔree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ose: Daabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuw fam sɔree no, na obisaa no sɛ: Ɛdɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbarima no buaa se, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade nsraadɔm so safohene.” Yosua tee eyi no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ nidi mu na ɔkae se, “Kyerɛ me nea menyɛ, dɛn na wopɛ sɛ wo somfo yɛ?”