Joshua 6:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “ Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekye Yeriko kurow yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ ase, na ɔde ne ba akumaa na ebesisi ano apon.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “ Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ebefi ase, na ɔde nʼakumaa na ebesisi ano apon.”